Psalms 115

Onyankopɔn nokwafo baako pɛ no

1Wo nko,
O Awurade, wo nko, na ɛnyɛ yɛn, na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ yɛn anuonyam, esiane wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa ne wo trenee nti.
2Adɛn nti na ɛsɛ sɛ aman bisa yɛn se, “Mo Nyankopɔn wɔ he?”
3Yɛn Nyankopɔn wɔ soro; ɔyɛ nea ɔpɛ.
4Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a wɔnam onipa nsa so na ayɛ wɔn anyame.
5Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa.
Wɔwɔ ani, nanso wonhu ade.
6Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm.
Wɔwɔ hwene, nanso wɔnte ade.
7Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka.
Wɔwɔ nan, nanso wɔnnantew.
Wontumi nso nnyigye.
8Ma wɔn a wɔyɛɛ wɔn na wɔwɔ wɔn mu gyidi no nyɛ sɛ ahoni no ara.
9Mo Israelfo, momfa mo ho nto Awurade so.
Ɔboa mo na ɔbɔ mo ho ban.
10Onyankopɔn asɔfo, momfa mo ho nto Awurade so.
Ɔboa mo na ɔbɔ mo ho ban.
11Mo a mosom no nyinaa momfa mo ho nto Awurade so.
Ɔboa mo na ɔbɔ mo ho ban.
12 Awurade kae yɛn na obehyira yɛn.
Obehyira Israelfo ne Onyankopɔn asɔfo nyinaa.
13Obehyira obiara a odi no ni; akɛse ne nkumaa nyinaa pɛ.
14 Awurade mma, mo ne mo asefo nyinaa nwo mma!
15 Awurade a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no nhyira mo.
16Ɔsoro yɛ Awurade nko de, na ɔde asase maa onipa.
17Awufo nkamfo Awurade.
Saa ara nso na wɔn a wɔkɔ ase dinn beae hɔ no nkamfo Awurade.
18Nanso yɛn ateasefo bɛda no ase nnɛ ne daa nyinaa.
Kamfo Awurade!
Copyright information for TwiNAK